Está en la página 1de 1

Ɔhaw a Ebesi Biara Fi Satan Anaa?

ƆBARIMA bi traa ase a na ɔwɔ biribiara—ahode, dibea, ne abusua asetra a ɛyɛ anigye. Afei, ohyiaa
amanehunu mprɛnsa ntoatoaso. Nea edi kan no, ɔhweree n’ahode prɛko pɛ. Nea edi hɔ, ahum kɛse bi
kunkum ne maa nyinaa. Ɛno akyi pɛɛ no, yare bɔne bi maa mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ ne nipadua nyinaa. Ɛbɛyɛ
sɛ woahu sɛ ɔbarima a yɛreka ne ho asɛm yi ne Hiob.
Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara nhu amane te sɛ Hiob de, nanso wohyia ɔhaw
ahorow. Nnipa pii hyia ɔtaa anaa abusua mu haw ahorow. Ohia anaa yare tumi ma nnipa asetra yɛ
awerɛhow. Ebinom de wɔn nkwa atwa so esiane wɔn gyidi nti. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Satan na
ɔma amanehunu biara a ebia yehyia no to yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɔhaw a yehyia no bi betumi afi yɛn
ankasa mfomso anaasɛ awo mu. (Galatifo 6:7) Yɛn nyinaa betumi ahyia ɔhaw a mpanyinyɛ ne asiane
ahorow de ba no. Bible ma yehu ade foforo a ɛde amanehunu ba ne afie ɛma emu da hɔ pefee sɛ,
Yehowa mfa anwonwakwan so nnye n’asomfo mfi amanehunu mu nnɛ.—Ɔsɛnkafo 9:11. Yɛn asetra
betumi asakra prɛko pɛ. Yɛte apɔw nnɛ, ɔkyena yebetumi ayare denneennen. Ɛte sɛ nea yɛwɔ
adwuma a edi mu nnɛ, ɔkyena na yenni adwuma a yɛyɛ. Owu tumi fa yɛn dɔfo bi a ɛmmɔ yɛn
nkae. Kristofo a wɔwɔ asase bi so tumi nya asomdwoe bere bi, afei prɛko pɛ, na wɔahyia ɔtaa a
emu yɛ den. Wobetumi atwa atoro ato yɛn so, na esiane eyi nti, wɔabu yɛn ntɛnkyea. Yiw,
asetra nni nnyinaso anaa ɛnyɛ nea yetumi de yɛn ho to so koraa.
Nanso, Satan betumi afa ɔhaw ahorow a yehyia no so asɛe yɛn gyidi. Ɔsomafo Paulo kaa amane a
ohui ho asɛm w (2 Korintofo 12:7) Nea ɛbɛyɛ a meremma me ho so mmoro so nti, wɔama me ɔhonam mu
nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔnkɔ so mpaapae m’asom na mamma me ho so ammoro so. Paulo kaa nea enti a wɔanyi
ɔhonam mu nsɔe no amfi ne so no ho asɛm sɛ: “Na mamma me ho so ammoro so.” Paulo “nsɔe” no
kaee no sɛ ɔwɔ sintɔ ahorow, na ɛno boaa no ma ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase. Sɔhwɛ ahorow betumi ama
Onyankopɔn asomfo asua ahobrɛase, na aboa wɔn ma wɔahu sɛ sɛ wobetumi adi nokware akosi ase  a,
ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so. Enti, wobetumi ‘ahoahoa wɔn ho wɔ Yehowa mu’ te sɛ Paulo.
Sɛ́ ebia na eyi yɛ aniyare ankasa, anaasɛ biribi foforo no, Paulo tee ase sɛ na Satan betumi afa saa
ɔhaw no ne ɛho ateetee so asɛe n’anigye na ama ne nokwaredi nso ho aba asɛm. (Mmebusɛm 24:10)
Ɛnnɛ, Satan betumi afa kwan bi so ama abusuafo, mfɛfo sukuufo, anaa kankabi nniso ataa Onyankopɔn
asomfo.
Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw ahorow yi ano yiye? Ɛne sɛ yebebu ɔhaw ahorow no sɛ ɛyɛ hokwan a
yɛde rekyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛ ne tumidi ase no wɔ nnyinaso.
(Yakobo 1:2-4) Ɛmfa ho nea ama yɛrehu amane biara no, sɛ yɛte hia a ehia sɛ yedi nokware ma
Onyankopɔn no ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom no.Satan da so ara gye Yehowa Adansefo
nokwaredi ho kyim sɛnea ɔyɛɛ Hiob no. Nokwarem no, Bible kyerɛ sɛ Satan amia ɔtaa a ɔde ba
Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu.—Adiyisɛm 12:9, 17.
Wɔ saa wiase a Satan di so yi mu no, wɔbɛsɔ yɛn boasetɔ ne yɛn nokwaredi ahwɛ. Nanso, Hiob
amanehunu no ankyɛ efisɛ sɛ yɛde toto nhyira a onyae ansa na ɔrehu amane ne nhyira a onyae wɔ ɛno
akyi no ho a, na amanehunu no sua koraa.—Hiob 42:16.

También podría gustarte